Matthew 26

Wɔbɔ Yesu ho pɔw

1Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 2“Munim sɛ aka nnanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”

3Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa fi, 4retu agyina, ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi. 5Nanso, wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu ngo wɔ Betania

6Afei Yesu kɔɔ Betania, na ɔkɔɔ Simon, ɔkwatani fi. 7Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi a okita ngo huamhuamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.

8Bere a asuafo no huu eyi no anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn? 9Anka wobetumi atɔn srade huamhuamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.”

10Yesu huu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na moka nea ɔbea yi yɛɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. 11Mo ne ahiafo wɔ ha daa, na me de, me ne mo nni hɔ daa. 12Wahwie ngo huahuamhuam yi agu me so, de asiesie me nipadua ama me sie. 13Wɔde nea wayɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka nea ɔyɛe yi wɔ wiase baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no.”

Yuda pene so sɛ obeyi Yesu ama

14Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn, 15kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no nnwetɛbona aduasa. 16Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.

Yesu ne nʼasuafo adidi a edi akyiri

17Twam Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkodi Twam Afahyɛ no?”

18Ɔbuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asomasi nka nkyerɛ no se, ‘Yɛn Wura se, ne bere abɛn, na wo fi na ɔne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ ” 19Asuafo no dii nea ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduan a wobedi wɔ ofi a wonyae no mu.

20Eduu anwummere a ɔne Dumien no te adidii no, 21ɔkae se, “Mo mu baako beyi me ama.”

22Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisae mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me anaa?”

23Yesu buae se, “Nea medi kan de aduan ama no no, ɔno ne saa onipa no. 24Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛnea odiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye.”

25Yuda nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me anaa?” Yesu buaa no se, “Yiw.”

Awurade adidi

26Bere a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se, “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”

27Na ɔfaa kuruwa a nsa dɔkɔdɔkɔ wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se, “Mo nyinaa monnom bi, 28na eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den. Wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fafiri. 29Montie nea mereka yi yiye. Merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼagya Ahenni no mu.”

30Na wɔtoo dwom wiei no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Yesu hyɛ Petro pa a ɔbɛpa no no ho nkɔm

31Woduu nea wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw sɛ, ‘Onyankopɔn bɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no abɔ apete.’ 32Na sɛ mesan ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea na makohyia mo wɔ hɔ.”

33Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.” 34Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nokwarem, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mpɛn abiɛsa!”

35Petro kae bio se, “Medi kan mawu!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.

Yesu bɔ mpae wɔ Getsemane

36Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, wɔntena hɔ ntwɛn no, na ɔrekɔ nʼanim akɔbɔ mpae. 37Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn din de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ fii ase howee na ne ho nso yeraw no.

38Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”

39Na ɔkɔɔ nʼanim kakra de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “Magya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, nea wopɛ na ɛnyɛ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”

40Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behui sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako mpo? 41Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, nanso, ɔhonam yɛ mmerɛw!”

42Ɔsan gyaw wɔn hɔ bio kɔbɔɔ mpae bio se, “Mʼagya, sɛ kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom nea ɛwɔ mu no a, nea wopɛ nyɛ.”

43Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio, behui sɛ wɔadeda efisɛ, na wɔn ani kum yiye. 44Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so mpɛn abiɛsa so, kɔbɔɔ mpae, kaa asɛm koro no ara.

45Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna, na monhome. Nanso, dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa! 46Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”

Wɔkyere Yesu

47Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn, a wokitakita nkrante ne mmaa baa hɔ. 48Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, efisɛ, ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no. 49Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me Wura, atuu!”

50Yesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha sɛ worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu.

51Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne nkrante de twaa ɔsɔfo panyin no akoa bi aso.

52Yesu ka kyerɛɛ no se, “Tow wo nkrante no kyene. Na wɔn a wɔtwe nkrante no, nkrante ano na wobewu. 53Munnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼagya na wasoma nʼabɔfompempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? 54Nanso, sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm ka wɔ nea asi yi ho no bɛba mu?”

55Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Meyɛ owudifo nti na mode nkrante ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ Asɔrefi da biara da nso moansiw me kwan. 56Nanso, eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a, nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.” Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.

Yesu gyina Kaiafa anim

57Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa anim, faako a Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ. 58Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi kɔɔ ɔsɔfo panyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ebesi.

59Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiae wɔ hɔ, hwehwɛe sɛ wobenya adansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohui sɛ wɔredi adansekurum efisɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyiri yi, nnipa baanu bi ba bɛkae 61se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn Asɔredan na masi no nnansa!’ ”

62Ɔsɔfo panyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” 63Nanso, Yesu ammua no. Ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”

64Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na daakye mubehu me, Agyenkwa no, sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resian aba.”

65Ɔsɔfo panyin no sunsuanee nʼatade mu teɛɛm se, “Abususɛm! Adansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! 66Asɛm bɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa teɛɛm se, “Ɔsɛ owu! Ɔsɛ owu! Ɔsɛ owu!”

67Afei wɔtew ntasu guu nʼani so, ebinom bobɔɔ no akuturuku, na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre 68kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”

Petro pa Yesu

69Saa bere no na Petro te adiwo. Abeawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”

70Nanso, Petro de abufuw san nʼano se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”

71Akyiri yi, abeawa foforo bi hyiaa no ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasaretni no na ɛnam.”

72Petro de ntam san nʼano bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”

73Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wogyina hɔ no mu bi bɛka kyerɛɛ no se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.”

74Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no. Sɛ nkontompo na meretwa a, Onyankopɔn ntua me so ka.” Amonom hɔ ara, na akokɔ bɔnee. 75Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn na woapa me mpɛn abiɛsa” no. Na ofii adi kosui.

Copyright information for TwiNAK